Psalms 89

Dwom a wɔto ɔman amanehunu bere mu

1O Awurade, daa mɛto wo dɔ a wowɔ daa no ho dwom; mɛda wo nokware no adi daa daa.
2Minim sɛ wo dɔ no bɛtena daa nyinaa, na wo nokware no tim hɔ te sɛ wim.
3Wokae se, “Me ne onipa a mayi no no ayɛ apam; mahyɛ me somfo Dawid bɔ.
4Daa wʼaseni na ɔbɛyɛ ɔhene.
Mɛhwɛ wʼabusua so daa daa.”
5Ɔsorofo to anwonwade a woyɛ ho dwom; wɔto wo nokware ho dwom,
Awurade.
6Obi nni soro a ɔte sɛ wo,
Awurade.
Ɔsorofo no biara sɛso nte sɛ wo.
7Wodi wo ni wʼatreneefo agyinatufo mu, na wɔde suro gyina wʼanim.
8 Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ, obi kɛseyɛ nsen wo.
Biribiara mu,
O Awurade, woyɛ ɔnokwafo.
9Wo na wudi ɛpo ne tumi nyinaa so.
Wobrɛ nʼasorɔkye ase.
10Wububu ɔtɔfo Rahab kum no.
Wonam wʼahoɔden so dii wʼatamfo so.
11Ɔsoro ne asase yɛ wo dea.
Wobɔɔ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa.
12Wobɔɔ atifi ne anafo.
Bepɔw Tabor ne Bepɔw Hermon to dwom ma wo di ahurusi.
13Wo tumi so!
Wʼahoɔden nso so!
14Wokyekyeree wʼaheman wɔ trenee ne nokware so.
Ɔdɔ ne nokware da adi wɔ nea woyɛ biara mu.
15Wɔn a wɔto nnwom de som wo no ahotɔ yɛ bebree.
Saa ara nso na ɛte wɔ wɔn a wɔte adɔe hann mu no!
16Esiane wo nti, wɔn ani gye da mu no nyinaa na wɔkamfo wo wɔ wo papayɛ ho.
17Woma yedi nkonim akɛse; wo dɔ mu na yedi nkonim no.
18O Awurade, wo na wuyii ɔhwɛfo maa yɛn.
O,
Israel Nyankopɔn Kronkron, na womaa yɛn yɛn hene.
19Tete no, anisoadehu mu, woka kyerɛɛ wo somfo nokwafo no se, “Mʼaboa ɔsraani a wagye din no; mede ahengua no ama obi a mayi no afi nnipa no mu.
20Mede ngo kronkron asra mʼakoa Dawid de akyerɛ sɛ ɔno na masi no ɔhene.
21Mʼahoɔden bɛka ne ho daa; me tumi bɛma no ahoɔden.
22Nʼatamfo rentumi nni ne so da.
Amumɔyɛfo rentumi nni ne so.
23Mebubu nʼatamfo na makum obiara a ɔtan no.
24Mɛdɔ no na madi no nokware.
Mɛma no adi nkonim daa.
25Mɛtrɛw nʼahemman mu fi po mu kosi Asu Efrata mu.
26Ɔbɛka akyerɛ me se, ‘Wone mʼagya ne me Nyankopɔn; wone me hwɛfo ne mʼagyenkwa.’
27Mɛyɛ no mʼabakan, ahene no mu nyinaa ɔkɛseɛ.
28Medi bɔ a mɛhyɛ no no so daa.
Na apam a me ne no apam no nso, bɛtena hɔ daa daa.
29Nʼabusua bɛtena hɔ daa daa te sɛ wim.
Nʼaseni na daa ɔbɛyɛ ɔhene.
30Nanso sɛ nʼasefo anni me mmara so na sɛ wɔantena ase sɛnea me mmara te,
31sɛ wobu me mmara so na wɔanni me mmara so a,
32ɛnne, mɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho na mɛma wɔahu amane wɔ wɔn mfomso ho.
33Nanso merennyae dɔ a mede dɔ Dawid no na meremmu bɔ a mehyɛɛ no no so.
34Apam a me ne no hyɛe no nso, meremmu so, na bɔ a mehyɛɛ no no nso, merenyi mu baako mpo.
35Menam me din kronkron no so ahyɛ no bɔ prɛko.
Merentwa Dawid atoro da.
36Obenya asefo daa na mɛhwɛ nʼahemman so mmere dodow a owia bɔ yi.
37Ɛbɛyɛ afebɔɔ sɛ ɔsram, ɔdansefo nokwafo a ɔwɔ wim no.”

Nkogu a ɔhene dii ho agyaadwotwa

38Nanso wo bo afuw ɔhene a wuyii no no; woatew wo ho afi ne ho na woapa no.
39Woagu apam a wo ne wo somfo pamee no atow nʼahenkyɛw ato atɛkyɛ mu.
40Woabubu ne kurow no afasuw nyinaa agu fam ama nʼabankɛse nyinaa ayɛ amamfo.
41Wɔn a wotwam wɔ hɔ wia nʼagyapade.
Nʼafipamfo serew no.
42Wode nkonim no ama nʼatamfo.
Woama wɔn nyinaa anya ahotɔ.
43Woama nʼakode ayɛ ɔkwa, ama wobedi no so wɔ ɔko mu.
44Woagye nʼadehye akyeampoma atow nʼahengua akyene fam.
45Woama wabɔ akwakoraa mono de aniwu akata ne ho.

Ogye mpaebɔ

46 Awurade, wode wo ho besie afebɔɔ?
Wʼabufuw bɛhyew sɛ ogya akosi da bɛn?
47Kae tiaa a me nkwa nna yɛ.
Kae sɛ wobɔɔ yɛn nyinaa sɛ adasamma!
48Hena na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da?
Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdasani atew ne ho afi damoa ho?
49Awurade, wo dɔ a na wowɔ kan no ho nsɛnkyerɛnne bi wɔ he?
Bɔ a wohyɛɛ Dawid no bi wɔ he?
50Mma wo werɛ mmfi kasatia a me a meyɛ wo somfo,
wɔkasa tia me no ne sɛnea minya boasetɔ ma abosonsomfo nnome no.
51Wʼatamfo kasa tia wo hene a woayi no no,
O Awurade!
Baabiara a ɔbɛfa no, wɔkasa tia no.
52Kamfo Awurade daa daa!
Amen! Amen!
Copyright information for TwiNAK